Psalms 123

Ɔsoroforo dwom.


1 Mema mʼani so kyerɛ wo,
wo a wʼahengua si ɔsoro.

2 Sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no,
sɛnea afenaa ani hwɛ nʼawuraa nsa no no,
saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn
kosi sɛ obehu yɛn mmɔbɔ.


3 Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, hu yɛn mmɔbɔ,
na wɔabu yɛn animtiaa bebree.

4 Ahomasofo fɛwdi ama yɛabrɛ dodo,
ahantanfo animtiaabu afono yɛn.
Copyright information for TwiAKNA